Psalms 63

Onyankopɔn ho anigyina

1O Onyankopɔn, woyɛ me Nyankopɔn na mʼani agyina wo.
Me nipadua nyinaa hwehwɛ wo te sɛ asase a ɛso awo na srade ne nsu nni mu.
Wo ho sukɔn de me kra.
2Ma minhu wo wɔ Kronkron mu Kronkron hɔ; ma minhu sɛ woyɛ ɔkɛse ne onuonyamfo.
3Wo dɔ a wodɔ daa no ye sen nkwa ankasa mpo, enti mɛkamfo wo.
4Sɛ mete ase yi, mɛda wo ase.
Mɛma me nsa so abɔ wo mpae.
5Me kra bedidi na amee na mɛto anigye nnwom ayi wo ayɛ.
6Meda mpa so nyinaa, mekae wo.
Anadwo nyinaa, midwen wo ho
7efisɛ, daa woyɛ me boafo.
Wo ntaban ase nwini mu na mɛto anigye dwom.
8Me bata wo ho na wo nsa hwɛ me so yiye.
9Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no bɛkɔ asaman ase pɛɛ.
10Wobekum wɔn wɔ ɔko mu na mpataku awe wɔn nam.
11Esiane sɛ Onyankopɔn ma no nkonim nti, ɔhene no benya ahosɛpɛw.
Wɔn a wɔhyɛ bɔ wɔ Onyankopɔn din mu no bɛkamfo no, nanso atorofo ano de, wɔbɛto mu.
Copyright information for TwiNAK